Atemmufoɔ 4:20
Judges 4:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.”
Judges 4:20 in English
Judges 4:20 · Berean Standard Bible
“Stand at the entrance to the tent,” he said, “and if anyone comes and asks you, ‘Is there a man here?’ say, ‘No.’”
Context
18Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so. 19Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so. 20Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.” 21Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ. 22Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.