Native Bible

Judges 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim.

Judges 3:10 in English

Judges 3:10 · Berean Standard Bible

The Spirit of the LORD came upon him, and he became Israel’s judge and went out to war. And the LORD delivered Cushan-rishathaim king of Aram into the hand of Othniel, who prevailed against him.

Context

8Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe. 9Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. 10Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim. 11Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ. 12Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.