Atemmufoɔ 20:8
Judges 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie.
Judges 20:8 in English
Judges 20:8 · Berean Standard Bible
Then all the people stood as one man and said, “Not one of us will return to his tent or to his house.
Context
6Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri sɛ, saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm wɔ Israel. 7Enti, seesei, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene wɔ yei ho.” 8Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie. 9Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so. 10Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ wɔ animguasedeɛ a wɔayɛ wɔ Israel no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.