Atemmufoɔ 19:17
Judges 19:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ.
Judges 19:17 in English
Judges 19:17 · Berean Standard Bible
When he looked up and saw the traveler in the city square, the old man asked, “Where are you going, and where have you come from?”
Context
15Enti wɔdaa hɔ anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ. 16Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. 17Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ. 18Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ, 19ɛwom sɛ yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.