Native Bible

Judges 18:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”

Judges 18:5 in English

Judges 18:5 · Berean Standard Bible

Then they said to him, “Please inquire of God to determine whether we will have a successful journey.”

Context

3Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?” 4Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika. 5Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.” 6Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.” 7Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.