Atemmufoɔ 16:6
Judges 16:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.”
Judges 16:6 in English
Judges 16:6 · Berean Standard Bible
So Delilah said to Samson, “Please tell me the source of your great strength and how you can be tied up and subdued.”
Context
4Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi wɔ Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila. 5Filistifoɔ* ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa.” 6Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.” 7Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.” 8Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.