Native Bible

Judges 16:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.”

Judges 16:11 in English

Judges 16:11 · Berean Standard Bible

He replied, “If they tie me up with new ropes that have never been used, I will become as weak as any other man.”

Context

9Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ wɔ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam sɛ, “Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te sɛ ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm. 10Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee.” 11Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.” 12Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ wɔ dan mu te sɛ kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no sɛ, “Samson! Filistifoɔ aba sɛ wɔrebɛkye wo!” Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te sɛ asaawa bi. 13Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.