Native Bible

James 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wodi fɔ sɛ wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.

James 2:4 in English

James 2:4 · Berean Standard Bible

have you not discriminated among yourselves and become judges with evil thoughts?

Context

2Sɛ mohyia a, ɔdefoɔ a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadego nso tumi ba bi. 3Sɛ wode anidie ma deɛ wasiesie ne ho yie no, na woka kyerɛ no sɛ, “Tena saa akonnwa pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso sɛ, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, 4wodi fɔ sɛ wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho. 5Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. 6Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.