Yakobo 2:24
James 2:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so.
James 2:24 in English
James 2:24 · Berean Standard Bible
As you can see, a man is justified by his deeds and not by faith alone.
Context
22Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. 23Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so. 25Saa ara na ɛte wɔ adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri sɛ, ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so. 26Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.