Yesaia 6:3
Isaiah 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
Isaiah 6:3 in English
Isaiah 6:3 · Berean Standard Bible
And they were calling out to one another: “Holy, holy, holy is the LORD of Hosts; all the earth is full of His glory.”
Context
1Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. 2Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. 3Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ,
“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;
Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!” 4Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma. 5Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.