Yesaia 58:14
Isaiah 58:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.” Awurade na aka.
Isaiah 58:14 in English
Isaiah 58:14 · Berean Standard Bible
then you will delight yourself in the LORD, and I will make you ride on the heights of the land and feed you with the heritage of your father Jacob.” For the mouth of the LORD has spoken.
Context
12Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no,
na wɔato fapem a akyɛre no;
wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no,
Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu. 13“Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda
na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no,
sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da
na modi Awurade da kronkron no ni
na moamfa mo ara mo akwan so
na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a, 14ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu
na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so
na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.”
Awurade na aka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.