Yesaia 56:1
Isaiah 56:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.
Isaiah 56:1 in English
Isaiah 56:1 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “Maintain justice and do what is right, for My salvation is coming soon, and My righteousness will be revealed.
Context
1Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monkɔ so mmu atɛntenenee
na monyɛ deɛ ɛyɛ,
ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn
na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi. 2Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,
onipa a ɔkura mu denden:
deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,
na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.” 3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,
“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”
Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,
“Meyɛ duawuiɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.