Native Bible

Isaiah 54:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da; ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ.

Isaiah 54:1 in English

Isaiah 54:1 · Berean Standard Bible

“Shout for joy, O barren woman, who bears no children; break forth in song and cry aloud, you who have never travailed; because more are the children of the desolate woman than of her who has a husband,”* says the LORD.

Context

1“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da; ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ. 2“Trɛ wo ntomadan no mu; twe wo ntomadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehoma no so, bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie. 3Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum; wʼasefoɔ bɛgye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.