Native Bible

Isaiah 37:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ”

Isaiah 37:7 in English

Isaiah 37:7 · Berean Standard Bible

Behold, I will put a spirit in him so that he will hear a rumor and return to his own land, where I will cause him to fall by the sword.’”

Context

5Ɛberɛ a ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia no, 6Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. 7Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” 8Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di akodɔm anim rebɛko atia no. Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no sɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.