Native Bible

Isaiah 36:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua?

Isaiah 36:5 in English

Isaiah 36:5 · Berean Standard Bible

You claim to have * a strategy and strength for war, but these are empty words. In whom are you now trusting, that you have rebelled against me?

Context

3Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no. 4Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 5Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua? 6Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 7Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.