Native Bible

Isaiah 19:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so.

Isaiah 19:24 in English

Isaiah 19:24 · Berean Standard Bible

In that day Israel will join a three-party alliance with Egypt and Assyria—a blessing upon the earth.

Context

22Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ. 23Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. 24Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so. 25Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.