Native Bible

Isaiah 12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Yesaia 12
1Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao Awurade! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ. 2Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.” 3Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu. 4Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda Awurade ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so. 5To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa. 6Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.