Hosea 13:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afiri anweatam so; osuo rentɔ osutɔberɛ na nʼabura bɛwe. Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma deɛ ɛsom bo no nyinaa.
Hosea 13:15 in English
Hosea 13:15 · Berean Standard Bible
Although he flourishes among his brothers, an east wind will come— a wind from the LORD rising up from the desert. His fountain will fail, and his spring will run dry. The wind will plunder his treasury of every precious article.
Context
13Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ,
na abɔfra no nnim nyansa nti;
sɛ berɛ no duru a,
ɔmma awotwaa no ano. 14“Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu.
Mɛgye wɔn afiri owuo nsam.
Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he?
Asaman wo sɛeɛ wɔ he?
“Merennya ayamhyehyeɛ, 15mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a.
Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba,
ɛbɛbɔ afiri anweatam so;
osuo rentɔ osutɔberɛ
na nʼabura bɛwe.
Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma
deɛ ɛsom bo no nyinaa. 16Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu,
ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn.
Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano;
wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam,
wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.