Hebrifoɔ 9:24
Hebrews 9:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim.
Hebrews 9:24 in English
Hebrews 9:24 · Berean Standard Bible
For Christ did not enter a man-made copy of the true sanctuary, but He entered heaven itself, now to appear on our behalf in the presence of God.
Context
22Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba. 23Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma* no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho. 24Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim. 25Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.