Native Bible

Hebrews 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.

Hebrews 9:2 in English

Hebrews 9:2 · Berean Standard Bible

A tabernacle was prepared. In its first room were the lampstand, the table, and the consecrated bread.* This was called the Holy Place.

Context

1Na apam a ɛdi ɛkan* no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom. 2Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. 3Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, 4na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.