Native Bible

Hebrews 8:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.

Hebrews 8:4 in English

Hebrews 8:4 · Berean Standard Bible

Now if He were on earth, He would not be a priest, since there are already priests who offer gifts according to the law.

Context

2Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa. 3Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. 4Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. 5Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.” 6Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.