Native Bible

Hebrews 7:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek.

Hebrews 7:9 in English

Hebrews 7:9 · Berean Standard Bible

And so to speak, Levi, who collects the tenth, paid the tenth through Abraham.

Context

7Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira. 8Wɔde nnipa akatua nkyɛmu edu mu baako ma asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase. 9Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. 10Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ. 11Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.