Hebrifoɔ 7:12
Hebrews 7:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa.
Hebrews 7:12 in English
Hebrews 7:12 · Berean Standard Bible
For when the priesthood is changed, the law must be changed as well.
Context
10Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ. 11Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu. 12Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa. 13Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da. 14Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.