Native Bible

Hebrews 13:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

Hebrews 13:23 in English

Hebrews 13:23 · Berean Standard Bible

Be aware that our brother Timothy has been released. If he arrives soon, I will come with him to see you.

Context

21Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. 22Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara. 23Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn. 24Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo. 25Adom nka mo nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.