Hebrifoɔ 11:8
Hebrews 11:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.
Hebrews 11:8 in English
Hebrews 11:8 · Berean Standard Bible
By faith Abraham, when called to go to a place he would later receive as his inheritance, obeyed and went, without knowing where he was going.
Context
6Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no. 7Gyidie enti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a ebi nsii da no, ɔtiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu ewiase fɔ, na Noa deɛ, ne nsa kaa tenenee a wɔnya firi gyidie mu. 8Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ. 9Gyidie enti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu. 10Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.