Hebrifoɔ 11:4
Hebrews 11:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa.
Hebrews 11:4 in English
Hebrews 11:4 · Berean Standard Bible
By faith Abel offered God a better sacrifice than Cain did. By faith he was commended as righteous when God gave approval to his gifts. And by faith he still speaks, even though he is dead.
Context
2Gyidie a na tetefoɔ no wɔ enti na wɔnyaa adanseɛ pa. 3Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu. 4Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa. 5Gyidie enti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhunu owuo. Obiara anhunu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no kɔeɛ. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. 6Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.