Hebrifoɔ 11:35
Hebrews 11:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so.
Hebrews 11:35 in English
Hebrews 11:35 · Berean Standard Bible
Women received back their dead, raised to life again. Others were tortured and refused their release, so that they might gain a better resurrection.
Context
33Wɔnam gyidie so koo aman dii nkonim ma wɔn nsa kaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34dumm ogyaframa, tetee wɔn ho firii akofenawuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so. 35Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so. 36Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.