Hagai 2:13
Haggai 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?” Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
Haggai 2:13 in English
Haggai 2:13 · Berean Standard Bible
So Haggai asked, “If one who is defiled by contact with a corpse touches any of these, does it become defiled?” “Yes, it becomes defiled,” the priests answered.
Context
11“Asɛm a Asafo Awurade ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. 12Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ”
Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.” 13Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?”
Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.” 14Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi. 15“ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.