Hagai 1:4
Haggai 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?”
Haggai 1:4 in English
Haggai 1:4 · Berean Standard Bible
“Is it a time for you yourselves to live in your paneled houses, while this house lies in ruins?”
Context
2Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ” 3Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so: 4“Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?” 5Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. 6Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.