Native Bible

Genesis 50:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu.

Genesis 50:13 in English

Genesis 50:13 · Berean Standard Bible

They carried him to the land of Canaan and buried him in the cave at Machpelah in the field near Mamre, which Abraham had purchased from Ephron the Hittite as a burial site.

Context

11Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ. 12Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu. 14Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim. 15Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.