1 Mose 48:9
Genesis 48:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.”
Genesis 48:9 in English
Genesis 48:9 · Berean Standard Bible
Joseph said to his father, “They are the sons God has given me in this place.” So Jacob said, “Please bring them to me, that I may bless them.”
Context
7Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.” 8Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?” 9Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.”
Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.” 10Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano. 11Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.