Native Bible

Genesis 48:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no.

Genesis 48:5 in English

Genesis 48:5 · Berean Standard Bible

And now your two sons born to you in Egypt before I came to you here shall be reckoned as mine; Ephraim and Manasseh shall be mine, just as Reuben and Simeon are mine.

Context

3Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me, 4ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’ 5“Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no. 6Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so. 7Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.