Native Bible

Genesis 47:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”

Genesis 47:19 in English

Genesis 47:19 · Berean Standard Bible

Why should we perish before your eyes—we and our land as well? Purchase us and our land in exchange for food. Then we, along with our land, will be slaves to Pharaoh. Give us seed that we may live and not die, and that the land may not become desolate.”

Context

17Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane. 18Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. 19Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.” 20Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam. 21Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.