Native Bible

Genesis 45:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ.

Genesis 45:7 in English

Genesis 45:7 · Berean Standard Bible

God sent me before you to preserve you as a remnant on the earth and to save your lives by a great deliverance.*

Context

5Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa. 6Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. 7Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ. 8“Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.