Native Bible

Genesis 45:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no.

Genesis 45:4 in English

Genesis 45:4 · Berean Standard Bible

Then Joseph said to his brothers, “Please come near me.” And they did so. “I am Joseph, your brother,” he said, “the one you sold into Egypt!

Context

2Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom. 3Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim. 4Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no. 5Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa. 6Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.