Native Bible

Genesis 45:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

Genesis 45:21 in English

Genesis 45:21 · Berean Standard Bible

So the sons of Israel did as they were told. Joseph gave them wagons as Pharaoh had instructed, and he also gave them provisions for their journey.

Context

19“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. 20Monnha mo ho wɔ mo agyapadeɛ ho, ɛfiri sɛ, mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ” 21Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 22Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. 23Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.