1 Mose 45:17
Genesis 45:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,
Genesis 45:17 in English
Genesis 45:17 · Berean Standard Bible
Pharaoh said to Joseph, “Tell your brothers, ‘Do as follows: Load your animals and return to the land of Canaan.
Context
15Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ. 16Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ. 17Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, 18na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafoɔ nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a ɛyɛ pa ara atena so. Wɔbɛdi asase no so nnepa!’ 19“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.