1 Mose 45:1
Genesis 45:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.
Genesis 45:1 in English
Genesis 45:1 · Berean Standard Bible
Then Joseph could no longer control himself before all his attendants, and he cried out, “Send everyone away from me!” So none of them were with Joseph when he made himself known to his brothers.
Context
1Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. 2Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom. 3Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.