Native Bible

Genesis 44:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ ”

Genesis 44:5 in English

Genesis 44:5 · Berean Standard Bible

Is this not the cup * my master drinks from and uses for divination? What you have done is wicked!’”

Context

3Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan. 4Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ ” 6Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7Nanso, anuanom no buaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.