Native Bible

Genesis 44:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

Genesis 44:24 in English

Genesis 44:24 · Berean Standard Bible

Now when we returned to your servant my father, we relayed your words to him.

Context

22Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’ 23Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.’ 24Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 25“Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’ 26Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.