1 Mose 44:2
Genesis 44:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.
Genesis 44:2 in English
Genesis 44:2 · Berean Standard Bible
Put my cup, the silver one, in the mouth of the youngest one’s sack, along with the silver for his grain.” So the steward did as Joseph had instructed.
Context
1Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no. 2Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. 3Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan. 4Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.