1 Mose 43:8
Genesis 43:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
Genesis 43:8 in English
Genesis 43:8 · Berean Standard Bible
And Judah said to his father Israel, “Send the boy with me, and we will go at once, so that we may live and not die—neither we, nor you, nor our children.
Context
6Israel bisaa ne mma no sɛ, “Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no sɛ mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?” 7Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ” 8Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma. 9Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa. 10Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.