1 Mose 43:22
Genesis 43:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.”
Genesis 43:22 in English
Genesis 43:22 · Berean Standard Bible
We have brought additional silver with us to buy food. We do not know who put our silver in our sacks.”
Context
20Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane. 21Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba. 22Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.” 23Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn. 24Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.