1 Mose 41:38
Genesis 41:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.”
Genesis 41:38 in English
Genesis 41:38 · Berean Standard Bible
So Pharaoh asked them, “Can we find anyone like this man, in whom the Spirit of God * abides?”
Context
36Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.” 37Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. 38Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.” 39Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu! 40Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.