Native Bible

Genesis 41:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.

Genesis 41:22 in English

Genesis 41:22 · Berean Standard Bible

In my dream I also saw seven heads of grain, plump and ripe, growing on a single stalk.

Context

20Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no! 21Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ. 22“Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. 23Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so. 24Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.