Native Bible

Genesis 41:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ.

Genesis 41:12 in English

Genesis 41:12 · Berean Standard Bible

Now a young Hebrew was there with us, a servant of the captain of the guard. We told him our dreams and he interpreted them for us individually.

Context

10Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie. 11Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ. 12Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.” 14Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.