1 Mose 4:13
Genesis 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kain kaa sɛ, “Awurade mʼasotweɛ boro me so.
Genesis 4:13 in English
Genesis 4:13 · Berean Standard Bible
But Cain said to the LORD, “My punishment * is greater than I can bear.
Context
11Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so. 12Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.” 13Kain kaa sɛ, “Awurade mʼasotweɛ boro me so. 14Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me.” 15Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.