Native Bible

Genesis 37:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

Genesis 37:4 in English

Genesis 37:4 · Berean Standard Bible

When Joseph’s brothers saw that their father loved him more than any of them, they hated him and could not speak a kind word to him.

Context

2Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob. 3Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. 4Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no. 5Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo. 6Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.