1 Mose 34:21
Genesis 34:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri sɛ, yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ.
Genesis 34:21 in English
Genesis 34:21 · Berean Standard Bible
“These men are at peace with us. Let them live and trade in our land; indeed, it is large enough for them. Let us take their daughters in marriage and give our daughters to them.
Context
19Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri sɛ, na ɔpɛ Yakob babaa no yie. 20Enti, Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ dwa wɔ kuro no ɛpono ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasaeɛ sɛ, 21“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri sɛ, yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ. 22Nanso, ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa korɔ no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛdeɛ wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapadeɛ ne wɔn mmoa ahodoɔ a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn dea anaa? Enti, momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.