1 Mose 32:4
Genesis 32:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi.
Genesis 32:4 in English
Genesis 32:4 · Berean Standard Bible
He instructed them, “You are to say to my master Esau, ‘Your servant Jacob says: I have been staying with Laban and have remained there until now.
Context
2Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase. 3Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so. 4Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi. 5Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’ ” 6Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.